Masesa Lyrics by Jay Bahd, Skyface SDW & Kwaku DMC - Music Blog NG

Friday, August 30, 2024

Masesa Lyrics by Jay Bahd, Skyface SDW & Kwaku DMC

Jay Bahd, Skyface SDW and Kwaku DMC Lyrics

Sing along to the lyrics of Masesa by Jay Bahd featuring Skyface SDW and Kwaku DMC. Masesa is the sixth track on Jay Bhad's new album, Behind The Scenes.

Cover art for Behind The Scenes album by Jay Bahd
Behind The Scenes Album Cover

Jay Bahd, Skyface SDW & Kwaku DMC - Masesa Lyrics

Intro
Ooh, ooh-ooh, ooh, ooh
Ooh, ooh-ooh, ooh, ooh
Ooh, ooh

Verse 1
Ei
Kanee, na ɛhyɛ m'anum koraa na mereyi ama wo
Seisei, ɛsette na wowɔ ha koraa a mɛdi agya wo
Bro, masesa, deɛ ɔbrɛ na ɔdie nti no, pɛ adwuma
Deɛ afa m'ani so nti, ɛnnɛ deɛ, mewɔ bi ka

Pre-Chorus
Kabereboɔ se, "Me nanaa, suro nnipa
Sampson de ne ho maa ɔbaa, yɛtee n'akoma
Ɛnnɛ, yɛreyɛ wo Jay Bahd, but ɔkyena
Wo din kɔ fam a, yɛhu wo a, yɛbɛmuna"
Kabereboɔ se, "Me nanaa, suro nnipa
Sampson de ne ho maa ɔbaa, yɛtee n'akoma
Ɛyɛ, deɛ ɔbrɛ na ɔdie"
Enti sɛ wobusa na manya bi amma wo a

Chorus
Mo mma me din nda
Mente sɛ kanee no biom, masesa
Ebi akɔ me hwedeɛm', ma menka
Kwasia dua, yɛntia so mprenu
Nti na ɛyɛ na mo 'lle-ca' no hye me no a, 'ɛyɛ a memfa
Mente sɛ kanee no biom, masesa
Ebi akɔ me hwedeɛm', ma menka
Kwasia dua, yɛntia so waano-waano, waano-waano

Verse 2
Chairman, deɛbɛn na ɔmo reka?
'Yɛ a adekorɔ nso ɔmo nka?
Ɛnso adeɛ yi, ne nyinaa yɛ bɔne ara
Ɛkaa ɔmo nko ara, na amfa
Nanso Nyame nyɛ onipa
Awurade ei, m'abisadeɛ yi, ma me nsa nka
(Ɔse deɛn? Ɔse deɛn?)
Enti no, mayɛ komm, ayɛ dinn te me baabi, baabi
'Ngye nnipa nni biom, nnipa yɛ dirty, dirty
Mayɛ komm ayɛ dinn te me baabi, baabi
Mengye nnipa nni biom, nnipa yɛ dirty, dirty
Eh-yo
Nea me ne no bɔɔm' faaeɛ wɔ sum ase (aarn)
Ɛnnɛ, ɔte badwam repa ho ntoma (kɔ)
Mebiee me nsam' kyerɛɛ wo ɔdɔ kann (aa-)
Yɛbɛyɛ biribi a, gye sɛ metwa me maame ntoma (-gyei!)
Me ne me girlfriend issues, sɛ yɛresolve a
Ɔde information no nyinaa akɔma Nkrumah (oh)

Verse 3
Ɔde me din akɔgya wɔ Nkoransa
Sɛ mallam man bi nhono m'akoma (ei)
Deɛ meyɛ maa wo nyinaa ansɔ w'ani
Woyɛ me age mate, 'faa wo sɛ me nua panin (kɔ)
Ɔrepɛ me abu me kwasia (ɔse deɛn?)
Mante aseɛ nti ɔkyiri me sɛ meyɛ Tanii
De me nam resɛe me din (sɛe me din)
Ɔretwa me diss, na ɔrewɔ me pin ('wɔ me pin)
Gyina abɔnten ɛreyɛ dede ('yɛ dede)
Kasa no yɛ fii, nso mayɛ dinn (aarn?)
Firisɛ mepɛ w'asɛm (kɔ)
Mepɛ me mode, bu nta a, w'akyi asɛm (kɔ)
Mebɔ shows nso a, sika no, mema wo bi (aarnn?)
Menya mmaa nso a, yɛgyina nkwanta, wonim sɛ yɛkɔda ntɛm
Wei nyinaa akyire, wonni me ho adwen pa (oh)
Neɛ meyɛɛ no ɛnora no, ɔnkae (oh)
Mantumi anyɛ (ɔse deɛn?)
Ose masesa (aah) ah, masesa

Chorus
Omo mma me din nna ɛ
Mente sɛ kanee no biom, masesa
Ebi akɔ me hwedeɛm', ma menka
Kwasia dua, yɛntia so mprenu
Nti na ɛyɛ na mo 'lle-ca' no hye me no a, 'ɛyɛ a memfa
Mente sɛ kanee no biom, masesa
Ebi akɔ me hwedeɛm', ma menka
Kwasia dua, yɛntia so waano-waano, waano-waano

Bridge
Momma mengye m'ani, JK ei
Momma m'aso nkɔ adiedie ne mo dede ei, eh-eh
Nyɛ obi na ɛmaa me dwetire
Sɛ menya na ɛsa a, me ara me mfifire, eh-eh

Outro
Momma mengye m'ani, JK ei
Momma m'aso nkɔ adiedie ne mo dede ei, eh-eh
Nyɛ obi na ɛmaa me dwetire, yeah-ay
Sickbed, Kwame Agah, tell 'em

Explore other latest song lyrics here, and get fresh updates as they drop via X (formerly Twitter) and Facebook

The post Masesa Lyrics by Jay Bahd, Skyface SDW & Kwaku DMC appeared first on NotjustOk.



from NotjustOk https://ift.tt/Ezqt9M6
via Music Blog NG

No comments:

Post a Comment